Psalms 10


1Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa?
Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?


2 Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo,
wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no.

3 Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho;
ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.

4 Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade;
ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee.

5 Nʼakwan nyinaa mu odi yiye;
ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho;
na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.

6 Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim;
mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”

7 Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;
Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.

8 Ɔtɛw bɛn nkuraa no;
ofi ahintawee kum nea onnim hwee,
ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.

9 Ɔte sɛ gyata a wahintaw;
ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;
ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.

10 Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw;
na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.

11 Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi;
wayi nʼani afi so na onhu.”


12 Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Onyankopɔn.
Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo.

13 Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi?
Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se,
“Ɔremfrɛ me akontaabu so?”

14 Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw;
na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.
Mmɔborɔni de ne ho ma wo;
wo na woyɛ ayisaa boafo.

15 Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw;
frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa,
nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no.


16 Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa;
amanaman no bɛyera nʼasase so.

17 Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ;
wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ,

na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so,
sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu
renhunahuna bio.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

18
Copyright information for TwiAKNA